Psalms 99

Onyankopɔn, Ɔhene Tumfoɔ

1 Awurade yɛ ɔhene; nnipa ho popo.
Ɔtena nʼahengua a esi abɔde bi ntaban so ma asase wosow.
2 Awurade yɛ Otumfoɔ wɔ Sion; ɔyɛ kɛse wɔ aman nyinaa so.
3Obiara bɛkamfo ne kɛseyɛ ne ne tumi a ɛwɔ ne din mu no.
Ɔyɛ kronkron!
4Ɔhene kɛse, wodɔ ade trenee.
Woabɔ trenee atenaseɛ wɔ Israel.
Woama trenee ne nokware aba.
5Kamfo Awurade, yɛn Nyankopɔn; som no nʼahengua anim.
Ɔyɛ ɔkronkronni!
6Mose ne Aaron yɛɛ nʼasɔfo, na Samuel ne obi a ɔbɔɔ no mpae.
Wɔfrɛɛ Awurade, na ogyee wɔn so.
7Ɔkasa kyerɛɛ wɔn fii omununkum dum mu.
Wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so.
8O Awurade, me Nyankopɔn, wugyee wo nkurɔfo so; woma wohui sɛ wo ne Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ, nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.
9Kamfo Awurade, yɛn Nyankopɔn, na som wɔ ne Bepɔw kronkron no so!
Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ kronkron.
Copyright information for TwiNAK